Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 150 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Monkamfo Awurade.Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea;monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.

2Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛɛ ho;monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara soɔ ho.

3Momfa totorobɛnto nnyegyeeɛ nkamfo no,momfa asankuo ne bɛnta nkamfo no,

4momfa akasaeɛ ne asa nkamfo no,momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,

5momfa kyankyan mmobɔmu so nkamfo no,momfa kyankyan nnyegyeeɛ nkamfo no.

6Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.Monkamfo Awurade.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]