Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 149 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Monkamfo Awurade.Monto dwom foforɔ mma Awurade,monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu.

2Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu.Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu.

3Ma wɔmfa asa nkamfo ne dinna wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no.

4Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfoɔ;ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ.

5Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu;na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so.

6Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomuna ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam,

7sɛ wɔmfa ntɔ werɛ wɔ amanaman no sone asotwe wɔ nnipa no so,

8sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire,

9sɛ wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no.Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam.Monkamfo Awurade.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]