Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 148 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Monkamfo Awurade!Monkamfo Awurade mfiri ɔsorosoro,monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.

2Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no,ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.

3Owia ne ɔsrane, monkamfo no,nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no.

4Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsorone mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi.

5Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn.

6Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ;na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da.

7Monkamfo Awurade mfiri asase so,mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa,

8anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum,ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ,

9mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa,nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa,

10wira mu mmoa ne anantwie,abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo,

11asase ne amanaman nyinaa so ahemfo,mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa,

12mmeranteɛ ne mmabaawammasiriwa ne mmɔfra nso.

13Ma wɔnkamfo Awurade din,na ne din so sene edin biara;nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.

14Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ,ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam,Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no.Monkamfo Awurade.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]