Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 148 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Monkamfo Awurade!Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro,monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.

2Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no,ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.

3Owia ne ɔsram, monkamfo no,nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.

4Monkamfo no, ɔsoro mu sorone mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi.

5Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn.

6Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ;na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.

7Monkamfo Awurade mfi asase so,mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa,

8anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum,ahum a moyɛ nʼapɛde,

9mo mmepɔw ne nkoko nyinaa,nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa,

10nwura mu mmoa ne anantwi,abɔde nketewa ne nnomaa a wotu,

11asase ne amanaman nyinaa so ahemfo,mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa,

12mmerante ne mmabaa,mmasiriwa ne mmofra nso.

13Ma wɔnkamfo Awurade din,na ne din so sen din biara;nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.

14Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo,nʼahotewfo nyinaa nkamfo;Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo.Monkamfo Awurade.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]