Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 147 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Monkamfo Awurade.Eye sɛ wɔto ayeyi nnwom ma yɛn Nyankopɔn,ɛyɛ fɛ na ɛfata dodo sɛ wɔkamfo no!

2Awurade kyekyere Yerusalem;Ɔboaboa Israel nnommum ano.

3Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare,na ɔkyekyere wɔn akuru.

4Ɔkyerɛ nsoromma dodow a ɛwɔ hɔ,na ɔde obiara din frɛ no.

5Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛse;yɛrente nʼase nwie.

6Awurade wowaw ahobrɛasefona ɔtotow amumɔyɛfo hwehwe fam.

7Monto aseda nnwom mma Awurade.Momfa sanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.

8Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;ɔma asase osuma sare nyin wɔ nkoko so.

9Ɔma anantwi aduan,na sɛ kwaakwaadabimma su a, ɔma wɔn aduan.

10Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔna ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.

11Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wosuro no,wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔe a ɛnsa da no so no.

12Momma Awurade so, Yerusalem;kamfo wo Nyankopɔn, Sion,

13ɔma wʼapon akyi adaban yɛ den,na ohyira wo nkurɔfo a wɔte wo mu.

14Ɔma wʼahye so dwo,na ɔde awi ankasa ma wo.

15Ɔsoma nʼahyɛde kɔ asase so;nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.

16Ɔtrɛw sukyerɛmma mu sɛ oguan ho nwi,na ɔpete obosu sukyerɛmma sɛ nsõ.

17Ɔtotow mparuwbo gu fam sɛ mmosea.Hena na obetumi agyina nʼawɔw dennen no ano?

18Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnan no;ɔhwanyan ne mframa, na nsu sen.

19Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob,ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.

20Ɔnyɛɛ eyi maa ɔman foforo biara ɛ;wonnim ne mmara.Monkamfo Awurade!

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]