Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 149 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Monkamfo Awurade.Monto dwom foforo mma Awurade,monkamfo no wɔ ahotefo asafo mu.

2Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu.Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu.

3Ma wɔmfa asaw nkamfo ne dinna wɔmfa sanku ne akasaa nto dwom mma no.

4Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfo;ɔde nkwagye kyɛw hyɛ ahobrɛasefo.

5Momma ahotefo nni ahurusi wɔ anuonyam yi mu;na wɔnto ahosɛpɛw dwom wɔ wɔn mpa so.

6Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anom,na ɛnyɛ afoa anofanu wɔ wɔn nsam,

7sɛ wɔmfa ntɔ were wɔ amanaman no sone asotwe wɔ nnipa no so,

8sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,ne dade mpokyerɛ ngu wɔn atitiriw,

9sɛ wɔmfa mmu atɛn, sɛnea wɔakyerɛw atia wɔn no.Eyi ne nʼahotewfo nyinaa anuonyam.Monkamfo Awurade.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]