Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 150 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Monkamfo Awurade.Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea;monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.

2Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛe ho;monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara so no ho.

3Momfa torobɛnto nnyigyei nkamfo no,momfa asanku ne bɛnta nkamfo no,

4momfa akasaa ne asaw nkamfo no,momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,

5momfa kyɛnkyɛn mmobɔmu so nkamfo no,momfa kyɛnkyɛn nnyigyei nkamfo no.

6Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.Monkamfo Awurade.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]