Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Job 25 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Bildad Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa

1Na Suhini Bildad buaa sɛ,

2“Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn;ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.

3Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa?Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ?

4Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn,na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ?

5Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛnna nsoromma ho nte wɔ nʼani so a,

6na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama,onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]