Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Job 26 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Hiob Kyerɛ Onyankopɔn Kɛseyɛ

1Na Hiob kasaa bio sɛ,

2“Woaboa deɛ ɔnni tumi!Woagye basa a ɛnni ahoɔden!

3Woatu deɛ ɔnnim nyansa fo!Na woada nhunumu pa ara adi!

4Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu?

5“Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu,wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa.

6Asamando da adagya Onyankopɔn anim;Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ.

7Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so;na ɔde asase sensɛn ohunu so.

8Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu,nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no.

9Ɔtrɛ ne omununkum mude kata ɔsrane ani.

10Ɔhyɛ agyiraeɛ wɔ nsuo sode to hyeɛ wɔ hann ne esum ntam.

11Ɔsoro nnyinasoɔ woso,na nʼanimka ma wɔn ho dwiri wɔn.

12Ɔde ne tumi wɔsoo ɛpone nyansa mu, ɔtwitwaa ɛpobɔpɔn mu asinasini.

13Ɔde nʼahomeɛ maa ewiem teeɛ;na ne nsa wɔɔ ɔtweaseɛ a ɔrewea.

14Yeinom yɛ ne nnwuma mfeafeaho;ɔka asomusɛm brɛoo kyerɛ yɛn!Na hwan na ɔbɛtumi ate ne tumi mmobɔmu no ase.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]