Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Job 26 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Hiob Kyerɛ Nyankopɔn Kɛseyɛ

1Na Hiob kasaa bio se,

2“Woaboa nea onni tumi!Woagye basa a enni ahoɔden!

3Woatu nea onnim nyansa fo!Na woada nhumu pa ara adi!

4Hena na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?Hena honhom na ɛkasa faa wo mu?

5“Awufo wɔ ahoyeraw kɛse mu,wɔn a wɔwɔ nsu ase ne nea ɛte mu nyinaa.

6Asaman da adagyaw Onyankopɔn anim;Ɔsɛe nso nni nkataso.

7Ɔtrɛw wim atifi fam kata nea ɛda mpan so;na ɔde asase sensɛn ohunu so.

8Ɔbɔ nsu boa hyɛ ne omununkum mu,nanso nsu no mu duru ntumi mpae no.

9Ɔtrɛw ne omununkum mude kata ɔsram ani.

10Ɔhyɛ agyirae wɔ nsu sode to ɔhye wɔ hann ne sum ntam.

11Ɔsoro nnyinaso wosow,na nʼanimka ma wɔn ho dwiriw wɔn.

12Ɔde ne tumi wosow pone nyansa mu, otwitwaa Rahab mu asinasin.

13Ɔde ne home maa wim tewee;na ne nsa wɔɔ ɔwɔ a ɔrewea.

14Eyinom yɛ ne nnwuma kakraa bi;ne tumi kakraa bi kɛkɛ!Na hena na obetumi ate ne tumi mmubomu no ase?”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]