Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Job 25 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Bildad Mmuae A Ɛto So Abiɛsa

1Na Suhini Bildad buae se,

2“Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn;ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.

3Wobetumi akan nʼakofo ana?Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so?

4Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim?Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn?

5Mpo sɛ ɔsram nhyerɛnna nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a,

6na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa,onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]