Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Job 27 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Hiob toaa nʼasɛm so se,

2“Sɛ Onyankopɔn te ase yi, nea wammu me atɛntrenee no,Otumfo a wama madi me kra mu awerɛhow,

3mmere dodow a nkwa wɔ me mu,na Onyankopɔn home wɔ me mu yi,

4mʼano renka amumɔyɛsɛm,na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.

5Merennye nto mu da sɛ nea woka no yɛ nokware;merenka me mudi nhyɛ, kosi sɛ mewu.

6Mekura me trenee mu, merennyaa mu;sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.

7“Ma mʼatamfo nyɛ sɛ amumɔyɛfo,na wɔn a wokyi me nyɛ sɛ atorofo.

8Anidaso bɛn na wɔn a wonni nyamesu no wɔ wɔ wɔn wu akyi,bere a Onyankopɔn agye wɔn nkwa afi wɔn nsam no?

9So Onyankopɔn tie wɔn sufrɛbere a amanehunu aba wɔn so no ana?

10So wɔn ani begye wɔ Otumfo no mu?Wobesu afrɛ Onyankopɔn bere biara ana?

11“Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ;meremfa Otumfo no akwan nhintaw.

12Mo ankasa moahu eyinom nyinaa.Afei nsɛnhunu yi ase ne dɛn?

13“Eyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumɔyɛfo,agyapade a otirimɔdenfo nya fi Otumfo no nkyɛn:

14Sɛ ɔwɔ mma dodow dɛn ara, wɔn nkrabea ne afoa;na nʼasefo rennidi mmee da.

15Ɔyaredɔm besie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi,na wɔn akunafo rensu wɔn.

16Ɛwɔ mu sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfutumana ɔboa ntama ano sɛ dɔte,

17nea ɔpɛ gu hɔ no, atreneefo na wobefurana pɛpɛyɛfo no nso akyekyɛ dwetɛ no.

18Ofi a osi no te sɛ ananse abubummaba,ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfo abɔ.

19Ɔda hɔ te sɛ ɔdefo, nanso ɔrenna saa bio;ɔbɛtew nʼani no na ne nyinaa atu ayera.

20Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyiri;ahum hwim no kɔ anadwo.

21Apuei mframa soa no kɔ, na onni hɔ bio;ɛtwe no fi ne tenabea.

22Ɛbɔ no a ahummɔbɔ nni mubere a ɔreguan afi ne tumi ase.

23Ɔde fɛw bɔ ne nsamna ɔpam no fi ne tenabea.”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]