Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 12 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ayɛyie Nnwom

1Saa ɛda no, wobɛka sɛ:“Mɛkamfo wo Ao Awurade!Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ,nanso afei wʼabofuo ano adwo.Na woakyekyere me werɛ.

2Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;mede me ho bɛto ne so, na merensuro.Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.”

3Wode anigyeɛ bɛsa nsuoafiri nkwagyeɛ nsubura mu.

4Saa ɛda no wobɛka sɛ,“Ɛda Awurade ase, bɔ ne dinMa amanaman nhunu deɛ wayɛ,na pae mu ka sɛ wɔama ne din so.

5To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree.Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa.

6Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so,mo a mowɔ Sion,ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]