Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 12 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ayeyi Nnwom

1Saa da no, wobɛka se:“Mɛkamfo wo, Awurade!Ɛwɔ mu wo bo fuw me de,nanso afei wʼabufuw ano adwo.Na woakyekye me werɛ.

2Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;mede me ho bɛto no so, na merensuro.Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;na wabɛyɛ me nkwagye.”

3Wode anigye bɛsaw nsuafi nkwagye mmura mu.

4Saa da no wobɛka se,“Da Awurade ase, bɔ ne dinma amanaman nhu nea wayɛ,na pae mu ka se wɔama ne din so.

5To dwom ma Awurade, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree.Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa.

6Momma mo nne so nto dwom anigye somo a mowɔ Sion,efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]