Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 23 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.

2Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea;ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho,

3odwudwo me kra.Ɔde me fa akwantrenee so,ne din nti.

4Sɛ menamowu sum kabii mu mpo a,minsuro bɔne bi,efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ;wʼabaa ne wo pemana ɛkyekye me werɛ.

5Woto me pon wɔmʼatamfo anim.Wode ngo fɔw me tirim;me kuruwa yɛ ma bu so.

6Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyime nkwanna nyinaa;na mɛtena Awurade fidaa.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]