Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 24 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de;wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no;

2efisɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ po sona ɔde sii nsu ani.

3Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no?Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?

4Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew,nea ne kra nni ahoni akyina ɔnka ntamhunu.

5Obenya Awurade nsam nhyirane bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn.

6Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ Awurade no tewɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn.

7Mo aponkɛse, momma mo ti so;wɔmma mo so, mo tete apon,na Anuonyam Hene nhyɛn mu.

8Hena ne saa Anuonyam Hene yi?Ɔno ne Awurade hoɔdenfo ne otumfo noAwurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifo.

9Momma mo ti so, mo aponkɛsemomma wɔn so, mo tete apon,na anuonyam Hene no nkɔ mu.

10Hena ne saa anuonyam Hene yi?Asafo Awurade no,ɔno ne anuonyam Hene no.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]