Ɔsoroforo dwom. 1Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade,na wɔnantew nʼakwan so. 2Wubedi wʼadwuma so aba;nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de. 3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow abawɔ wo fi;na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifiatwa wo pon ho ahyia. 4Yiw, sɛɛ ne nea wobehyiraonipa a osuro Awurade no. 5Awurade nhyira wo mfi Sionna ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ;wo nkwanna nyinaa. 6Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma.Asomdwoe nka Israel.