Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 129 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforo dwom.

1“Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,ma Israel nka ɛ.

2“Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ.

3Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyiayɛ wɔn nkɔmoa atenten.

4Nanso Awurade yɛ ɔtreneeni;watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho.”

5Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaamfa animguase nsan wɔn akyi.

6Ma wɔnnyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi,a ennyin na ɛhyew;

7na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma,na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma.

8Mma wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nka se,“Awurade nhyira mmra mo so;yehyira mo wɔ Awurade din mu.”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]