Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 130 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforo dwom.

1Awurade, mifi bun mu su frɛ wo;

2Awurade, tie me nne.Wɛn wʼasoma me nkotosrɛ.

3Awurade, sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a,anka hena na obetumi agyina ano?

4Nanso wowɔ bɔnefakyɛ;ɛno nti wosuro wo.

5Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn,na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ.

6Metwɛn Awuradesen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee,sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee.

7Israel, ma wʼani nna Awurade so,efisɛ Awurade wɔ adɔe a enni huammɔna ogye ankasa wɔ ne mu.

8Ɔno ankasa begye Israelafi wɔn bɔne nyinaa mu.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]