Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 129 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforɔ dwom.

1“Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase,ma Israel nka.

2“Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase,nanso wɔntumi nnii me so nkonim.

3Fentemfoɔ afentem mʼakyiayɛ wɔn nkofie atentene.

4Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni;Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.”

5Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaamfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.

6Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi,ɛnnyini na ahye;

7Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam,na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so.

8Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ,“Awurade nhyira mmra mo so;yɛhyira mo wɔ Awurade din mu.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]