Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 128 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsorokorɔ dwom.

1Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade,na wɔnante nʼakwan so.

2Wobɛdi wʼadwuma so aba;nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.

3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso abawɔ wo fie;na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiriatwa wo ɛpono ho ahyia.

4Yei ne onipa a wɔahyira noɔ,deɛ ɔsuro Awurade no.

5Awurade nhyira wo mfiri Sionwo nkwa nna nyinaa;na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,

6na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma.Asomdwoeɛ nka Israel.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]