Side by side with the Father's Heart Bible™ Ɔsoroforo dwom. Salomo de.
1Sɛ Awurade ansi ɔdan no a,adansifo no yɛ ho adwuma kwa.Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a,awɛmfo no wɛn kwa.
2Sɛ wosɔre anɔpahemana wotena kosi anadwo,na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a,ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.
3Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ,na mma yɛ akatua a efi no.
4Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu note sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
5Nhyira ne onipa anʼagyan kotoku ayɛ ma.Nʼanim rengu asebere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.