Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 126 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforo dwom.

1Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no,yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae.

2Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma,anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se,“Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.”

3Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn,na anigye ahyɛ yɛn ma.

4Awurade, san fa yɛn siade ma yɛn,te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no.

5Wɔn a wodua no nusu mu node anigye nnwom betwa.

6Wɔn a wɔde osu fi adiso aba a wɔrekodua no,de anigye nnwom bɛsan abaa wɔsoso nnɔbae afiafi.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]