Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 126 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforɔ dwom.

1Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no,yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.

2Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ,“Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.”

3Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛnna anigyeɛ ahyɛ yɛn ma.

4Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn,te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no.

5Wɔn a wɔdua no nisuo mu node anigyeɛ nnwom bɛtwa.

6Deɛ ɔde osu firi adiena ɔsoa aba kɔdua no,ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane abaa ɔso nnɔbaeɛ afiafi.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]