Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 125 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforɔ dwom.

1Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion,a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa.

2Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no,saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyiaseesei ne daa.

3Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase awɔde ama teneneefoɔ so.Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔnam wɔn so bɛyɛ bɔne.

4Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa.

5Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ,Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ.Asomdwoeɛ nka Israel.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]