Side by side with the Father's Heart Bible™ Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.
1Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a,ma Israel nka.
2Sɛ anka Awurade nni yɛn afaɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so,
3ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a,anka wɔmenee yɛn anikann;
4anka nsuyire no bu faa yɛn so,anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,
5anka nsuo a ano yɛ den noafa yɛn kɔ.
6Nkamfoɔ nka Awurade awɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu.
7Yɛadwane sɛ anomaaafiri afirisumfoɔ afidie mu;afidie no mu abubu,ama yɛanya ɛkwan adwane.
8Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu,ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.