Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 123 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforɔ dwom.

1Mema mʼani so kyerɛ wo,wo a wʼahennwa si ɔsoro.

2Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no,sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no,saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Onyankopɔnkɔsi sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ.

3Hu yɛn mmɔbɔ, Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ,na wɔabu yɛn animtia bebree.

4Ahomasofoɔ fɛdie ama yɛabrɛ dodo;ahantanfoɔ animtiabuo afono yɛn.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]