Side by side with the Father's Heart Bible™ Ɔsoroforo dwom. Dawid de.
1Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a,ma Israel nka,
2Sɛ anka Awurade nni yɛn afabere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so,
3bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn aanka wɔmemenee yɛn anikann;
4anka nsuyiri no bebu afa yɛn so,anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ,
5anka nsu a ano yɛ den nobɛpra yɛn kɔ.
6Ayeyi nka Awurade awamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu.
7Yɛaguan sɛ anomaaafi ofirisumfo afiri mu;wɔabubu afiri no,ama yɛaguan.
8Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu,ɔsoro ne asase Yɛfo no.