Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 125 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforo dwom.

1Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion,a ɛnwosow na etim hɔ daa no.

2Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no,saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyiamprempren ne daa.

3Amumɔyɛfo ahempema renka asase awɔde ama atreneefo no so,sɛ ɛba saa a, atreneefonam wɔn so bɛyɛ bɔne.

4Awurade wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,wɔn a wɔteɛ wɔ koma mu no, yɛ wɔn papa.

5Na wɔn a wɔman fa akwan kɔntɔnkye so no de,Awurade betwa wɔn ne nnebɔneyɛfo asu.Asomdwoe nka Israel.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]