Side by side with the Father's Heart Bible™ Dawid deɛ. Ɛberɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaeɛbɔ.
1Meteam mesu frɛ Awurade;me ma me nne so su frɛ Awurade sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ.
2Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim;meka me haw kyerɛ no.
3Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a,ɛyɛ wo na wonim mʼakwan.Ɛkwan a menam so nonnipa asum me afidie wɔ so.
4Hwɛ me nifa so na hunu sɛ;mʼasɛm mfa obiara ho;menni dwanekɔbea bi;me nkwa mfa obiara ho.
5Ao Awurade, mesu mefrɛ wo;mese, “Wone me dwanekɔbea,me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.”
6Tie me sufrɛ,na mewɔ ahohia kɛseɛ mu;gye me firi mʼataafoɔ nsam,ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.
7Yi me firi me nneduadan mu,na makamfo wo din.Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyiaɛsiane wo papa a woayɛ me enti.