Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 142 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid de. Bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaebɔ.

1Meteɛ mu su frɛ Awurade;mema me nne so su frɛ Awurade sɛ onhu me mmɔbɔ.

2Mihwie mʼahiasɛm gu nʼanim;meka me haw kyerɛ no.

3Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a,ɛyɛ wo na wunim me kwan.Ɔkwan a menam so nonnipa asum me afiri.

4Hwɛ na hu, obiara nni me nifa so;mʼasɛm mfa obiara ho;minni guankɔbea bi;me nkwa mfa obiara ho.

5Awurade, misu frɛ wo;mise, “Wone me guankɔbea,me kyɛfa wɔ ateasefo asase so.”

6Tie me sufrɛ,na mewɔ ahohia kɛse mu;gye me fi mʼataafo nsam,efisɛ wɔn ho yɛ den sen me.

7Yi me fi mʼafiase,na makamfo wo din.Afei atreneefo betwa me ho ahyiaesiane wo papa a woayɛ me no nti.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]