Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 141 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade, misu frɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so.Sɛ misu frɛ wo a, gye me so.

2Ma me mpaebɔ mmra wʼanim sɛ aduhuam;ma me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere afɔrebɔ.

3Awurade, ma ɔwɛmfo nwɛn mʼano;na wɛn mʼano pon.

4Mma wɔnntwe me koma nnkɔ nea ɛyɛ bɔne ho,na ankɔyɛ nea amumɔyɛfo yɛ no bi,mma me ne abɔnefonni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade.

5Ma ɔtreneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamye;ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me ti so ngo.Me ti rempo.Me mpaebɔ da so tia abɔnefo nneyɛe daa.

6Wɔbɛtow wɔn sodifo afi ɔbotan so abɛhwe fam;na amumɔyɛfo behu sɛ me nsɛm no yɛ nokware.

7Wɔbɛka se, “Sɛnea obi funtum na otutu asase no,saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɔda ano.”

8Nanso Otumfo Awurade, mʼani wɔ wo so;wo mu na mihintaw, nnyaw me mma owu.

9Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no ho,mfiri a abɔnefo asunsum no.

10Ma amumɔyɛfo no ankasa ɔtan nyi wɔn,bere a mitwa mu kɔ dwoodwoo no.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]