Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 140 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam;bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam,

2wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma muna wɔhwanyan ɔko mu da biara.

3Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de;nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano.

4Awurade, yi me fi amumɔyɛfo nsam;bɔ me ho ban fi basabasayɛfo awodwen sɛ wobetwintwan mʼanan mu no ho.

5Ahantanfo asum me afiri;wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama muwɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so.

6Awurade, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.”Awurade, tie me mmɔborɔsu.

7Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo,wokata me ti so wɔ ɔko da,

8nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade;mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye.

9Wɔatwa me ho ahyia,nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.

10Ma nnyansramma ngu wɔn so;ma wɔntow wɔn ngu ogya mu,ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio.

11Mma dinsɛefo ase ntim asase no so;ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo.

12Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntreneena odi onnibi asɛm ma no.

13Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo dinna wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]