Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 140 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Ao Awurade gye me firi nnipa bɔne nsam;bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ nsam,

2wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma muna wɔhwanyane ɔko mu da biara.

3Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ;ananka borɔ wɔ wɔn ano.

4Ao Awurade, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam;bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ awɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu.

5Ahantanfoɔ asum me afidie;wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu,wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so.

6Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.”Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su.

7Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ awobɔ me tiri ban ɔko da,

8nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade;mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie.

9Wɔatwa me ho ahyia,nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn.

10Ma nnyasrama ngu wɔn so;ma wɔnto wɔn ngu ogya mu,ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio.

11Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so;ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ.

12Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛnteneneena ɔka onnibie asɛm ma no.

13Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo dinna wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]