Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 139 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Ao Awurade, woahwehwɛ me muna woahunu me.

2Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ;wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.

3Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ;wonim mʼakwan nyinaa.

4Ansa na mɛbue mʼano akasa noAo Awurade, na wonim ne nyinaa dada.

5Woatwa me ho nyinaa ahyiana wobɔ me ho ban.

6Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so,ɛyɛ me nwanwa dodo.

7Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ?Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ?

8Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie.

9Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tuna mekɔtena ɛpo akyi nohoa a,

10mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ,na wo nsa nifa bɛsɔ me mu.

11Na meka sɛ, “Ampa ara esum mmɛkata me sona hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,”

12esum mpo nnyɛ sum mma wo;na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia;esum ne hann yɛ wo pɛ.

13Na wo na wobɔɔ me honhomwonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.

14Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu.Wo nnwuma yɛ nwanwa.Menim ɛno yie pa ara.

15Wɔamfa me bɔberɛ anhinta woɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no;ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,

16wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no.Nna dodoɔ a woatwa ama me no,wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma muansa na emu baako reba mu.

17Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me!Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo!

18Sɛ mese mɛkan a,ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea,sɛ menyane a,me ne wo wɔ hɔ ara.

19Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a!Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ!

20Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa.

21Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo,na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ.

22Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn;mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ.

23Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma;sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene.

24Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a,na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]