Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 138 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid deɛ.

1Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ;mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim.

2Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wona makamfo wo dinwɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie entiɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm noasene nneɛma nyinaa.

3Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so;womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.

4Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm ama wɔn nkamfo wo.

5Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ.

6Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ,na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri.

7Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ,nanso wobɔ me nkwa ho ban;wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so,na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

8Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu;Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa,nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]