Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 138 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid de.

1Awurade, mede me koma nyinaa ayi wo ayɛ;mɛto wʼayeyi dwom wɔ “anyame” no anim.

2Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wona makamfo wo dinwɔ wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti,efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye;ama asen wo titiriwyɛ.

3Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so;woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ.

4Awurade, sɛ ahemfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nea woahyɛ no a,ma wɔnkamfo wo.

5Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,na Awurade anuonyam yɛ kɛse.

6Ɛwɔ mu sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo,na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.

7Ɛwɔ mu sɛ menam ɔhaw mu de,nanso wobɔ me nkwa ho ban;woteɛ wo nsa wɔ mʼatamfo abufuw so,na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

8Awurade bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu;Awurade, wʼadɔe wɔ hɔ daa,nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]