Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 137 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Babilonia nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtena suubere a yɛkaee Sion no.

2Ɛhɔ konkɔn so nnua muna yɛde yɛn asanku sensɛnee,

3ɛhɔ na yɛn nnommumfafo kaa se yɛnto nnwom,yɛn ahohiafo hwehwɛɛ anigye nnwom fii yɛn nkyɛn;wɔkae se, “Monto Sion nnwom baako nkyerɛ yɛn!”

4Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom,bere a yɛwɔ ananafo asase so?

5Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo ama me nsa nifa werɛ mfi sankubɔ.

6Sɛ mankae wo a,ma me tɛkrɛma nka ntare mʼanomsɛ mamfa Yerusalemsɛ mʼanigyede kɛse pa ara a.

7Kae, Awurade, nea Edomfo yɛɛda a Yerusalem hwee ase no.Wɔteɛɛ mu se, “Munnwiriw,munnwiriw ngu fam nkɔka ne fapem!”

8Ɔbabea Babilonia, wɔadome wo akɔ ɔsɛe mu,nea otua wo ka bio ani gyewɔ nea wode ayɛ yɛn no ho.

9Nea ɔkyere wo nkokoaade wɔn dwiradwira abotan no ani gye.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]