Side by side with the Father's Heart Bible™ 1Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛɛberɛ a yɛkaee Sion no.
2Ɛhɔ nsukakye nnua sona yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ,
3ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom,yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom;wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!”
4Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwomɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so?
5Ao Yerusalem, sɛ mewerɛ firi wo ama me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ.
6Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a,ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu.
7Ao Awurade, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛwɔ ɛda a Yerusalem hwee ase no.Wɔteam sɛ, “Monnwiri,monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!”
8Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe wo,nhyira nka deɛ ɔtua wo kawɔ deɛ wode ayɛ yɛn so.
9Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaade wɔn bobɔɔ abotan so.