Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 141 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Ao Awurade, mesu mefrɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so.Sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so.

2Ma me mpaeɛbɔ mmra wʼanim sɛ aduhwam;ma me nsa a mapagya nyɛ sɛ anwummerɛ afɔrebɔ.

3Ao Awurade, ma ɔwɛmfoɔ nwɛn mʼano;na wɛn mʼano ɛpono.

4Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho,na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ yɛ no bi;mma me ne abɔnefoɔnni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ.

5Ma ɔteneneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamyɛ;ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me tiri so ngo.Me tiri rempo.Me mpaeɛbɔ da so tia abɔnefoɔ nneyɛɛ daa.

6Wɔbɛto wɔn sodifoɔ afiri abotan so abɛhwe fam;na amumuyɛfoɔ bɛhunu sɛ me nsɛm no yɛ nokorɛ.

7Wɔbɛka sɛ, “Sɛdeɛ obi funtum na ɔtutu asase no,saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɛda ano.”

8Nanso, Ao Otumfoɔ Awurade, wo so na mʼani da;wo mu na mehinta. Nnya me mma owuo.

9Bɔ me ho ban firi mfidie a wɔasunsum me no mu,mfidie a abɔnefoɔ asunsum no.

10Ma amumuyɛfoɔ no ankasa atena nyi wɔn,na menkɔ me baabi asomdwoeɛ mu.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]