Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 143 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade, tie me mpaebɔ,tie me mmɔborɔsu;fi wo nokwaredi ne trenee mubra bɛboa me.

2Mfa wʼakoa nkɔ atemmu mu,na ɔteasefo biara nteɛ wɔ wʼanim.

3Ɔtamfo no taa me,ɔbɔ me hwe fam;ɔma me tena sum mute sɛ wɔn a wowuwuu dedaada.

4Ɛno nti me honhom atɔ beraw wɔ me mu;na me koma di yaw wɔ me mu.

5Mekae tete nna no;midwinnwen wo nnwumane nea wo nsa ayɛ nyinaa ho.

6Mema me nsa so kyerɛ wo;wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee.

7Awurade, gye me so ntɛm;me honhom tɔ piti.Mfa wʼanim nhintaw meanyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no.

8Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,na mede me ho ato wo so.Kyerɛ me ɔkwan a memfa so,na wo na mema me kra so kyerɛ.

9Awurade gye me fi mʼatamfo nsam,na wo mu na mede me ho hintaw.

10Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde,na wo ne me Nyankopɔn;ma wo honhom pa nonkogya me asasetaw so.

11Awurade, wo din nti, kyɛe me nkwa so;wo trenee mu, yi me fi ɔhaw mu.

12Fi wʼadɔe a ɛnsa da no mu mua mʼatamfo ano;na sɛe wɔn a wokyi me no nyinaa,na meyɛ wo somfo.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]