Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 143 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ,tie me nkotosrɛ;wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mubra bɛboa me.

2Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu,na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim.

3Ɔtamfoɔ no taa me,ɔbɔ me hwe fam;ɔma me tena esum mute sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada.

4Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu;na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu.

5Mekae tete nna no;medwendwene wo nnwumane deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho.

6Mepagya me nsa kyerɛ wo;wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee.

7Ao Awurade, gye me so ntɛm;me honhom tɔ piti.Mfa wʼanim nhinta meanyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.

8Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,na mede me ho ato wo so.Kyerɛ me ɛkwan a memfa so,na wo na mema me kra so kyerɛ.

9Ao Awurade gye me firi mʼatamfoɔ nsam,na wo mu na mede me ho hinta.

10Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ,na wo ne me Onyankopɔn;ma wo honhom pa nonni me ɛkan wɔ asase tamaa so.

11Ao Awurade, wo din enti, kyɛe me nkwa so;wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu.

12Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ;na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa,na meyɛ wo ɔsomfoɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]