Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 144 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid de.

1Nkamfo nka Awurade, me Botan,nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee,ne me nsateaa ma ɔsa.

2Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen,me bammɔ ne me gyefo,me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu,ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.

3Awurade, hena ne onipa a wʼani ku no hoonipa ba a wudwen ne ho yi?

4Onipa te sɛ ɔhome;ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu.

5Awurade, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam;fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw.

6Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete;to wo mmɛmma no ma wonguan.

7Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam;gye me na yi mefi nsu akɛse ho,fi ananafo nsam,

8wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma,na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

9Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo;mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo,

10ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo,na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano.

11Gye me na yi me fiananafo nsam,wɔn a atoro ayɛ wɔn anom mana wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

12Afei yɛn mmabarima mmerantebere mubɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye,na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ aduma wɔasen de asiesie ahemfi.

13Yɛn asan bɛyɛ amaama;aduan ahorow biara bɛba so.Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem,wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so;

14yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru.Wɔrennwiriw afasu,yɛrenkɔ nkoasom mu,na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so.

15Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn.Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]