Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 6 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu,na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu.

2Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw;Awurade sa me yarena me nnompe wɔ ahoyeraw mu.

3Me kra wɔ ahohia mu.Enkosi da bɛn, Ao Awurade, enkosi da bɛn?

4San bra, Awurade, na begye me nkwa;gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti.

5Obi a wawu no renkae wo da,hena na ofi ɔda mu kamfo wo?

6Apinisi ama mayɛ mmerɛw.Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa,na me nusu fɔw me sumii.

7Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu.Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti.

8Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho!efisɛ Awurade ate me sufrɛ.

9Awurade ate me mmɔborɔsu;Awurade tie me sufrɛ.

10Mʼatamfo nyinaa anim begu asena wɔn ho adwiriw wɔn;na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]