Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 7 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa Awurade.

1Awurade me Nyankopɔn,miguan toa wo;Gye me fi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,

2anyɛ saa a wɔbɛtetew me mu sɛ gyatana wɔatetew me mu asinasin aobiara rentumi nnye me.

3Awurade me Nyankopɔn, sɛ mayɛ eyina sɛ afɔdi aba me so a,

4sɛ mayɛ bɔne atia nea ɔne me te yiye,anaasɛ mabɔ me tamfo korɔn kwa a,

5ɛno de ma mʼatamfo ntaa me na wɔmmɛto me;ma wontiatia me so wɔ fam,na wɔmma me funu nna mfutuma mu.

6Sɔre wɔ wʼabufuw mu, Awurade!Sɔre tia mʼatamfo abufuw.Nyan, me Nyankopɔn; hyɛ atɛntrenee mmara.

7Ma nnipadɔm mmetwa wo ho nhyia.Fi ɔsoro hɔ di wɔn so;

8ma Awurade mmu nnipa no atɛn.Bu me atɛn, Awurade sɛnea me trenee te,sɛnea me nokwaredi te, Ao, Ɔsorosoroni.

9Onyankopɔn treneeni,wo a wohwehwɛ adwene ne koma mu,fa amumɔyɛfo basabasayɛ bra awieina ma atreneefo nnya bammɔ.

10Me nkatabo ne Ɔsorosoro Nyankopɔnnea ogye koma mu treneeni no.

11Onyankopɔn yɛ otemmufo treneeni,Onyame a ɔda nʼabufuwhyew adi da biara.

12Sɛ wansesa nʼadwene a,ɔbɛsew nʼafoa ano;obekuntun ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.

13Wasiesie nʼakode a ɛyɛ hu;ayɛ ne bɛmma a ɛredɛw no krado.

14Nea onyinsɛn amumɔyɛna basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.

15Nea otu tokuru, na oyi mu dɔte nohwe tokuru a watu no mu.

16Ɔhaw a ɔde ba no dan bɔ nʼankasa so;ne basabasayɛ bɔ nʼankasa ti so.

17Mede aseda bɛma Awurade,ne trenee nti,na mato ayeyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]