Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 8 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade, yɛn Awurade,wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa.Wode wʼanuonyamatimtim ɔsoro nohɔ,

2mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn anokamfo wo, wʼatamfo nti;na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.

3Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro,wo nsateaa ano adwuma;ɔsram ne nsoromma awode obiara asi nʼafa a,

4onipa ne hena a wokae no,na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?

5Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfona wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.

6Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwumawode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:

7nguankuw ne anantwikuw nyinaane wuram mmoa nso,

8wim nnomaane po mu mpataa,nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.

9Awurade, yɛn Awurade,wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so!

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]