Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 8 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Ao Awurade, yɛn Awurade,wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa.Wode wʼanimuonyamatimtim ɔsoro nohoa,

2mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn anokamfo wo, wʼatamfoɔ nti;na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.

3Sɛ mehwɛ wo soro,wo nsateaa ano adwuma;ɔsrane ne nsoromma awode obiara asi nʼafa a,

4onipa ne hwan a wokae no,na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?

5Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔna wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.

6Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwumawode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:

7nnwankuo ne nantwikuo nyinaane wiram mmoa nso,

8ewiem nnomaane ɛpo mu mpataa,deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa.

9Ao, Awurade, yɛn Awurade,wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]