Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 5 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade, yɛ aso ma me nsɛmna dwen mʼapinisi ho.

2Tie me mmoa ho sufrɛ,me Hene ne me Nyankopɔn,efisɛ wo na mebɔ wo mpae.

3Awurade, wote me nne anɔpa;anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanimna mede anidaso twɛn.

4Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena.

5Ahantanfo rentumi nnyina wʼanim;wukyi wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.

6Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm;Awurade kyimogyapɛfo ne asisifo.

7Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti,mɛba wo fi;na nidi mu na mɛkotowakyerɛ wʼasɔredan kronkron no.

8Awurade kyerɛ me kwanwɔ wo trenee mumʼatamfo nti,bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.

9Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware;ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma.Wɔn menewa yɛ ɔda a so abuewɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

10Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe.Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti,efisɛ wɔasɔre atia wo.

11Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye;ma wɔmfa anigye nto dwom daa.Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so,na wɔn a wɔdɔ wo din noma wɔn ani nnye wɔ wo mu.

12Awurade, ampa ara, wuhyira atreneefo;na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia sɛ nkatabo.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]