Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 4 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Sɛ misu frɛ wo a, gye me so,me trenee Nyankopɔn.Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu;hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.

2Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora?Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?

3Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho;Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a.

4Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne;sɛ modeda mo mpa so a,monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.

5Mommɔ afɔre a ɛfatana momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

6Nnipa bebree bisa se:“Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?”Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

7Fa anigye mmoroso hyɛ me koma mabere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.

8Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu,efisɛ wo nko ara, Awurade,na woma metena dwoodwoo.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]