Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 3 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim.

1Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa!dodow no ara na wɔsɔre tia me!

2Bebree no ara ka fa me ho se,“Onyankopɔn rennye no.”

3Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyiamʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti.

4Meteɛ mu su frɛ Awurade,na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so.

5Metɔ hɔ na meda a,minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina.

6Merensuro atamfo mpem mpem awɔatwa me ho ahyia no.

7Sɔre, Awurade!Gye me, me Nyankopɔn!Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye;na tutu amumɔyɛfo se.

8Awurade hɔ na ogye fi ba.Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]